Exodus 28:6-11

6“Ma ntamanwen mu adwumfo papa mfa sikakɔkɔɔ ne bibiri ne asaawa a ɛbere dum ne koogyan ne asaawa fitaa a wɔafura nyɛ asɔfotade no. 7Wɔbɛpam no asinasin abien a ɛyɛ anim ne akyi a wɔapam ne mmati no so abɔ mu. 8Nkyekyeremu no bɛyɛ ntama koro no ara bi. Ɛbɛyɛ asaawatam a ɛyɛ akokɔsrade, tuntum, bibiri ne koogyan.

9“Fa apopobibiri abo abien na kyerɛw Israelfo mmusuakuw no din gu so. 10Ɔbo biara, wɔnkyerɛw din asia ngu so, sɛnea ɛbɛyɛ a, wɔn nyinaa din bedidi so mpanyin mu. 11Fa ɔkwan a aboɔdemmotwafo si fa twa din gu adwinne so no so kyerɛw din ahorow no sɛnea Israel mma no din te, na fa sika mmuano twa ho hyia.
Copyright information for TwiAKNA